Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 1

20 Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri , ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri , ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu."

22 Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma : 23 "Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel" a aseɛ ne , "Onyankopɔn ne yɛn ."

24 Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere. 25 Yosef ne Maria anhyia da kɔsii Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din "Yesu."

Veja também