11 Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no! 12 Na ɛfiri ɛberɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi ɛnnɛ no, Ɔsoro Ahennie no de tumi retrɛ na nnipadɔm a wɔn ani abereɛ refa no aniɛden so.