Publicidade

Mateus 12

Homeda Ho Asɛnka

1 Homeda bi, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔfaa aburoofuo bi mu. Wɔnam aburoofuo no mu no, ɛkɔm dee asuafoɔ no ma wɔpempanee aburoo no bi weeɛ. 2 Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu , "Woahunu wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?"

3 Yesu nso bisaa wɔn , "Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? 4 Wɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ a anka wɔnni ho kwan wɔdi, agye ɔsɔfoɔ nko ara no. Ɛno nso mmara so buo? 5 Na monnsane nkane mfirii Mose mmara no mu, asɔfoɔ a wɔyɛ asɔrefie adwuma no tumi adwuma Homeda nso? 6 Mereka ama moate aseɛ , deɛ ɔkyɛn asɔrefie no ha! 7 moate asɛm a ɛse, Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔno ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni no . 8 Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura".

9 Yesu firii deɛ ɔwɔ kɔɔ hyiadan mu. 10 Ɔhunuu ɔbarima bi dan mu a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu , "Enti mmara ma ho kwan obi sa yadeɛ Homeda anaa?"12.10 Mmara akyerɛkyerɛfoɔ mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wɔhunu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefoɔ no yadeɛ da no ara na adeɛ kye a, ɔbɛwu. Obi a na ne nsa awu no deɛ na ɛnyɛ deɛ owuo hunahuna noɔ. Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!

11 Yesu buaa wɔn , "Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no. 12 Onipa som bo sene odwan! Yei enti ɛwɔ ho kwan wɔyɛ papa Homeda."

13 Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no , "Tene wo nsa!" Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ baako no. 14 Farisifoɔ no firii adi kɔtuu sɛdeɛ wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.

15 Esiane na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ. 16 Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano wɔmmmɔ nʼanwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no ho dawuro. 17 Na nkɔm a Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no aba mu :

18 "Monhwɛ mʼakoa a mayi no,

deɛ medɔ no a me kra ani no,

mede me honhom mɛgu no so,

na wabu amanaman atɛn.

19 Ɔrenko, na ɔrenteateam.

Na obi rente ne nne abɔntene so!

20 Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no.

Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum;

kɔsi ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba.

21 Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ."

Farisifoɔ Ka Yesu Ɔbonsam

22 Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu onifirani na honhommɔne nso ne so brɛɛ Yesu ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ. 23 Nnipadɔm a wɔwɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa , "Ɛbɛtumi aba Yesu yi Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?"

24 Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa , "Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne."

25 Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ , "Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. 26 Na ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? 27 Na menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn. 28 Na mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne deɛ a, na Onyankopɔn Ahennie aba mo so.

29 "Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie mu nkɔwia no, agye , onipa ko no di ɛkan de ahoma kyekyere no.

30 "Obiara a ɔnni mʼafa no, tia me. Na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. 31 Mereka akyerɛ mo , wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ. 32 Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da.

Dua Ne Nʼaba

33 "Dua biara aba na wɔde hunu ne su. Dua pa so aba pa na dua bɔne nso so aba bɔne. 34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka. 35 Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. 36 Mereka makyerɛ mo , Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. 37 Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ".

Wɔpɛ Yesu Nsɛnkyerɛnneɛ Bi

38 Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn.

39 Yesu buaa wɔn , "Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho. 40 Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa. 41 Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo ɛfiri , ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona ha. 42 Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri , ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no ha.

43 "Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te obi a honhommɔne ne soɔ. honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi. 44 ɛba saa a, deɛ honhommɔne no ka ne , Mɛsane akɔ onipa a mefirii ne mu baeɛ no mu bio.Ɔsane onipa no mu na ɔhunu ne mu da mpan, na wɔasiesie fɛfɛɛfɛ a, 45 ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Yei ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kane asetena no."

Yesu, Ne Maame Ne Ne Nuanom

46 Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ wɔne no kasa. 47 Nnipa a wɔwɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu , "Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire wɔne wo kasa".

48 Yesu kaa , "Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?" 49 Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Yeinom ne me maame ne me nuanom". 50 Ɔsane kaa bio , "Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame".

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-