Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 13

Ewira Ne Aburoo Ho Ɛbɛ

24 Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm , "Ɔsoro Ahennie no te okuafoɔ bi a ɔdua aba nʼafuom. 25 Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no. 26 Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.

27 "Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no , Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri aseɛ!

28 "Okuafoɔ no buaa , Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!

"Apaafoɔ no bisaa no , Wopɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?

29 "Ɔbuaa wɔn , Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no. 30 Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’ "

Veja também