Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 14

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

13 Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni . Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ . 14 Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.

15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni nkuro no bi so."

16 Yesu buaa wɔn , "Ɛho nhia wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!"

17 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no , "Deɛ yɛwɔ nyinaa burodo enum ne mpataa mmienu ."

18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momfa mmrɛ me." 19 Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. 21 Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.

Veja também