Publicidade

Mateus 15

Ahoteɛ

1 Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , 2 "Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so."

3 Yesu nso bisaa wɔn , "Adɛn enti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? 4 Ebi ne , Onyankopɔn mmara no ka , Di wʼagya ne wo maame ni,na baako nso ne , Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ wɔkum no, 5 Na mo deɛ, deɛ moka ne , obi ka kyerɛ ne maame anaa nʼagya , Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔna, ɛnyɛ bɔne. 6 Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ di wʼagya ne wo maame ni no so. 7 Mo nyaatwomfoɔ! Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm :

8 " Saa nnipa yi ka wɔdi me ni,

nanso wɔn akoma mmɛn me.

9 Wɔsom me ani so kɛkɛ,

ɛfiri , wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’ "

10 Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn , "Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ. 11 Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi."

12 Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no , "Wonim wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?"

13 Yesu buaa wɔn , "Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene. 14 Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ ɛkwan enti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu."

15 Petro ka kyerɛɛ Yesu , "Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase."

16 Yesu nso bisaa no , "Ampa ara monte aseɛ? 17 Monnim adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asane aba bio? 18 Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi. 19 Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi. 20 Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ teɛ no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu."

Ɔbaa Bi Gyidie

21 Yesu firii ɔman no mu kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa , "Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no."

23 Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no ɔmpam ɔbaa no mfiri . Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio , "Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso."

24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no , "Wɔsomaa me memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ."

25 Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no , "Me wura, boa me!"

26 Yesu ka kyerɛɛ no , "Ɛnyɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman."

27 Ɔbaa no nso buaa , "Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no."

28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no , "Ɔbaa, wo gyidie mu den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo." Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.

Yesu Sa Nyarewa Ahodoɔ

29 Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so. 30 Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 31 Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.

Nnipa Mpemnan Aduanema

32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn , "Nnipa yi me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera ɛkwan so."

33 Nʼasuafoɔ no nso bisaa no , "Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?"

34 Yesu nso bisaa wɔn , "Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?"

Wɔbuaa , "Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi."

35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase ɛserɛ no so. 36 Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37 Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn. 38 Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson. 39 Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-