Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 17

Yesu Tua Asɔredan Mu Ɛtoɔ

24 Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no , "Enti, wo wura tua ɛtoɔ?"

25 Petro buaa no , "Aane ɔtua."

Petro firi no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no , "Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?"

26 Petro buaa , "Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no."

Yesu nso buaa , "Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara. 27 Na mmom, ɛsiane mempɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn."

Veja também