Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 18

Ɔpaani Tirimuɔdenfoɔ No

21 Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , "Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?"

22 Yesu buaa no , "Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson!

23 "Ɔsoro Ahennie no te ɔhene bi a ɔpɛɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta. 24 Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no. 25 Esiane na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.

26 "Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi , Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa. 27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

28 "Saa ɔpaani yi firi no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene ɔntua no ɛka a ɔde no no ɛhɔ ara.

29 "Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no.

30 "Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase gye watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no. 31 Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.

32 "Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no , Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ wo wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa? 34 Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa , gye watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.

35 "Saa ara na moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo."

Veja também