Maame Bi Abisadeɛ
20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.
21 Yesu bisaa no sɛ, "Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?"
Ɔbuaa no sɛ, "Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so."
22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Wonnim deɛ worebisa no." Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, "Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?"
Wɔbuaa no sɛ, "Yɛbɛtumi!"
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no."