Anifirafoɔ Baanu Hunu Adeɛ
29 Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, "Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!"
31 Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, "Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!"
32 Yesu duruu deɛ wɔteteɛ hɔ no, ɔgyina, bisaa wɔn sɛ, "Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?"
33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, yɛpɛ sɛ yɛhunu adeɛ!"
34 Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi.