Yesu Kɔ Asɔrefie
12 Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ. 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.’ Nanso, mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ."