Publicidade

Mateus 22

Ayeforɔhyia Apontoɔ Ho Ɛbɛ

1 Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ. 2 Ɔse, "Ɔsoro Ahennie no te ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no. 3 Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma.

4 "Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ , Monkɔka nkyerɛ wɔn , wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!

5 "Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa. 6 Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso. 7 Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa.

8 "Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn , Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata wɔba apontoɔ no ase. 9 Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase. 10 Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono mu no yɛɛ ma.

11 "Ɔhene no baa ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ . 12 Ɔbisaa no , Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?Nanso, damfo no antumi ammua.

13 "Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no , Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ no.

14 "Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn."

Ɛtoɔ Yie Ho Asɛmmisa

15 Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. 16 Wɔsii no gyinaeɛ , wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no , "Owura, yɛnim woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri , wonhwɛ nnipa anim. 17 Ka ma yɛntie. Ɛyɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?"

18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ mode nnaadaa me hwɛ? 19 Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me." Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Ɔbisaa wɔn , "Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?"

21 Wɔbuaa , "Kaesare."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn."

22 Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no kɔeɛ.

Owusɔreɛ Ho Asɛmmisa

23 Ɛda no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , 24 "Owura, Mose kaa , ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no. 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa. 26 Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no. 27 Deɛ ɛdi akyire ne , ɔbaa no nso wuiɛ. 28 Ɛno enti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri wɔn nyinaa waree no!’ "

29 Yesu buaa wɔn , "Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30 Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni ; obiara bɛyɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 31 Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa , 32 Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?Yei kyerɛ . Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn."

33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa.

Mmaransɛm No Mu Kɛseɛ Pa Ara

34 Farisifoɔ no tee Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu. 35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu , 36 "Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?"

37 Yesu buaa no , " Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu. 38 Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu no te ɛno ara: wo yɔnko wo ho. 40 Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so."

Hwan Ba Ne Agyenkwa No?

41 Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn , 42 "Ɛdeɛn na mowɔ ka Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?"

Wɔbuaa no , "Dawid Ba."

43 Yesu bisaa wɔn "Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no Awurade? Ɛfiri , Dawid kaa ,

44 " Awurade ka kyerɛɛ me wura ,

"Tena me nifa

kɔsi mɛma woadi

wʼatamfoɔ nyinaa so." 

45 Dawid frɛ no Awuradea, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?" 46 Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-