Publicidade

Mateus 28

Owusɔreɛ

1 Homeda no akyi, Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.

2 Amonom, asase wosoo denden; na Awurade ɔbɔfoɔ siane firii ɔsoro baeɛ bɛpiree ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. 3 Nʼanim hyerɛn te kanea na nʼatadeɛ fitaa te nwera. 4 Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee awufoɔ.

5 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no , "Monnsuro! Menim , morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, 6 nanso ɔnni ha. Wasɔre sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda no. 7 Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no , Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo .Yei ne nkra a mewɔ de ma mo."

8 Mmaa no de ehu ne anigyeɛ a adi afra tutuu mmirika firii ɛda no so , wɔrekɔhwehwɛ asuafoɔ no aka ɔbɔfoɔ no nkra no akyerɛ wɔn. 9 Wɔrekɔ no, prɛko , Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn , "Asomdwoeɛ nka mo." Wɔbuu no nkotodwe, somm no. 10 Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no wɔnkɔ Galilea nkɔhyia me ."

Deɛ Awɛmfoɔ No Kaeɛ

11 Ɛberɛ a mmaa no rekɔ kuro no mu no, awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn kɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12 Yudafoɔ mpanin no nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii no gyinaeɛ , wɔbɛma awɛmfoɔ no sika aka akyerɛ wɔn 13 , "Monka , Anadwo a yɛdaeɛ no, na nʼasuafoɔ no ba bɛwiaa amu no de kɔeɛ.’ " 14 Wɔhyɛɛ awɛmfoɔ no , "ɛba amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee." 15 Yei enti, awɛmfoɔ no gyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkaeɛ no trɛ faa Yudafoɔ no mu nyinaa na wɔgye di de bɛsi ɛnnɛ.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafoɔ No

16 Afei, asuafoɔ dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔ a Yesu kaa wɔnkɔ so no so. 17 Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara. 18 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19 Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20 na monkyerɛkyerɛ wɔn , wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-