Publicidade

Mateus 3

Yohane Osubɔni Asɛnka

1 Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ Nasaret no, Yohane Osubɔni bɛkaa asɛm Yudea ɛserɛ so , 2 "Monnu mo ho; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn" 3 Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm ,

"Nne bi reteam ɛserɛ so ,

Monsiesie ɛkwan mma Awurade;

momma nʼatempɔn ntene!’ "

4 Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane ntutummɛ ne ɛwoɔ. 5 Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn ɛserɛ no so kɔtiee asɛm no bi. 6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu Asubɔnten Yordan mu.

7 Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano? 8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ moasakyera ampa. 9 Na monnhoahoa mo ho moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri , Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. 10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no.

11 "Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakyera wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ mekura. Ɔno deɛ, ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 12 Ɔbɛhuhu aburoo no so ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akɔsie, na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no pasaa."

Yesu Asubɔ

13 Yesu tee Yohane Osubɔni nka no, ɔfiri Galilea baa Asubɔnten Yordan ho Yohane mmɔ no asu. 14 Yohane hunuu ɔmfata ɔbɔ Yesu asu. Yei enti, ɔkaa , "Wo na ɛsɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me."

15 Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no , "Ɛtwa ara na ɛtwa wobɔ me asu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato no bɛba mu." Yesu asɛm a ɔkaeɛ no enti, Yohane bɔɔ no asu.

16 Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom ɛresiane ba ne so aborɔnoma. 17 Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa , "Yei ne me Ba a ɔsɔ mʼani."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-