Publicidade

Mateus 4

Ɔbonsam Yesu Hwɛ

1 Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2 Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no. 3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane."

4 Yesu buaa no , "Wɔatwerɛ , Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ "

5 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ no atifi pɛɛ, 6 na ɔka kyerɛɛ no , "wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huri firi deɛ wogyina si fam, ɛfiri , wɔatwerɛ ,

" Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛsɔ wo,

na woammɛhwe abotan so.’ "

7 Yesu buaa bio , "Wɔatwerɛ , Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’ "

8 Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa. 9 Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu , "wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo."

10 Ɛhɔ ara na Yesu buaa , "Firi me so, Ɔbonsam! Hunu , wɔatwerɛ Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ "

11 Yesu ano siiɛ no, ɔbonsam gyaa no kɔeɛ. Ɛno akyi, abɔfoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsom no.

Yesu Fiti Nʼadwuma Ase Galilea

12 Yesu tee wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13 Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so. 14 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ ,

15 "Sebulon asase ne Naftali asase,

ɛpo ɛkwan so, Yordan agya,

Galilea a amanamanfoɔ te ,

16 nnipa a wɔte sum mu no,

Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn.

Hann no apue ama

wɔn a wɔte owuo asase so."

17 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase , "Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn."

Yesu Frɛ Asuafoɔ Baanan

18 Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa afarefoɔ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mommɛdi mʼakyi na mɛkyerɛ mo ɛkwan a wɔfa so yi nnipa kra." 20 Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu bɛdii nʼakyi ne no kɔeɛ.

21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso wɔmmɛdi nʼakyi. 22 Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no bɛdii nʼakyi.

Galilea Asɛnka Ne Ayaresa

23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. 24 Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 25 Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu "Dekapoli" no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-