Nkyene Ne Kanea
13 "Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.
14 "Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta. 15 Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. 16 Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.