Publicidade

Provérbios 14

1 Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,

nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.

2 Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade,

na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,

nanso anyansafoɔ ano wɔn ho ban.

4 Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,

na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.

5 Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,

ɔdansekurumni hwie atorɔ gu .

6 Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,

nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.

7 Twe wo ho firi ɔkwasea ho,

ɛfiri , worennya nimdeɛ mfiri nʼano.

8 Anitefoɔ nyansa ne wɔbɛdwene wɔn akwan ho,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm nnaadaa.

9 Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di ,

na wɔn a wɔtene mu na anisɔ .

10 Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,

na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.

11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,

nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.

12 Ɛkwan bi a ɛyɛ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

13 Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,

na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.

14 Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,

na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.

15 Atetekwaa gye biribiara di,

nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.

16 Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,

nanso ɔkwasea asowuiɛ ne basabasa.

17 Onipa a ne bo nkyɛre fuo no nkwaseadeɛ,

na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.

18 Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,

na wɔde nimdeɛ anitefoɔ abotire.

19 Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,

na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.

20 Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,

nanso adefoɔ nnamfonom bebree.

21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa bɔne,

na nhyira nka deɛ ne yam ma onnibie.

22 Wɔn a wɔbɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?

Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.

23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,

na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.

24 Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.

25 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,

nanso ɔdansekurumni ɔdaadaafoɔ.

26 Deɛ ɔsuro Awurade no banbɔ a emu den,

na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.

27 Awurade suro nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

28 Ɔman mu nnipa dodoɔ ɔhene animuonyam,

nanso asomfoɔ nni a mmapɔmma no sɛe.

29 Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ nteaseɛ a emu ,

na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

30 Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,

na anibereɛ ma nnompe porɔ.

31 Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,

nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

32 amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,

nanso owuo mu mpo teneneefoɔ dwanekɔbea.

33 Nyansa te nteaseɛ akoma mu,

na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.

34 Tenenee pagya ɔman

na bɔne animguaseɛ ma nnipa biara.

35 Ɔhene ani ɔsomfoɔ nyansani,

na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-