Publicidade

Provérbios 18

1 Ɔhonankani pɛsɛmenkomenya;

na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.

2 Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ

na mmom deɛ ɔpɛ ara ne ɔde nʼadwene bɛto dwa.

3 amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so,

na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.

4 Onipa anom nsɛm nsuo a emu ,

na nyansa asutire asuwa a ɛrepu ahuro.

5 Ɛnyɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ

anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.

6 Ɔkwasea ano de akasakasa ba

na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.

7 Ɔkwasea ano ɔno ara sɛeɛ

na nʼanofafa ne kra afidie.

8 Osekuni anom asɛm te mfremfremadeɛ;

ɛwurawura onipa akwaa mu nyinaa.

9 Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no

nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.

10 Awurade din abantenten a ɛyɛ den;

ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.

11 Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban

wɔfa no ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.

12 Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma,

na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

13 Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no,

ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.

14 Onipa sunsum na ɛhyɛ no den yadeɛ mu

na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?

15 Nhunumu akoma nya nimdeɛ;

na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.

16 Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma

na ɛde no ba atitire anim.

17 Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no nʼasɛm ,

kɔsi ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.

18 Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so,

na ɛpata atamfoɔ.

19 Onua a wɔafom noɔ no asɛm dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ,

akyinnyegyeɛ te abankɛsewa apono a wɔabram akyire.

20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,

nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.

21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.

22 Deɛ wanya yere no anya adepa

na ɔnya adom firi Awurade .

23 Ohiani srɛ ahummɔborɔ,

nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.

24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,

nanso adamfo bi a ɔbɛfam ne ho asene onua.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-