Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 20

1 Nsa ɔfɛdifoɔ na nsaden ntɔkwapɛfoɔ;

na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.

2 Ɔhene abufuhyeɛ te gyata mmobom;

na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.

3 Ɛyɛ onipa animuonyam ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifoɔ biara ntɔkwa.

4 Onihafoɔ mfuntum nʼasase ne berɛ mu;

enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.

5 Onipa akoma apɛdeɛ subunu mu,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.

6 Nnipa dodoɔ no ara ka wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?

7 Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.

8 ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.

9 Hwan na ɔbɛtumi aka , "Mapra mʼakoma mu;

meyɛ kronn na menni bɔne"?

10 Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no

Awurade kyiri ne mmienu.

11 Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no,

ne suban kronn ne papa.

12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ,

Awurade na wayɛ ne mmienu.

13 Mma nna nyɛ wo , na woanni hia;

ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.

14 Ɔtɔfoɔ ka , "Ɛnyɛ, ɛnyɛ!"

nanso ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.

15 Sika kɔkɔɔ , na nhwenepa nso abu so,

na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm ɔbohemaa a ɛho nna.

16 Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;

ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

17 Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no onipa anomu ,

nanso akyire no ɛdane mmosea nʼanom.

18 afotuo wo nhyehyɛeɛ;

wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

19 Osekuni da kokoamsɛm adi;

enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.

20 obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a,

wɔbɛdum ne kanea esum kabii mu.

21 Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no

renyɛ nhyira akyire no.

22 Nka , "Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!"

Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.

23 Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa,

na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.

24 Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

25 Obi ntɛm hyɛ , ansa na wadwene ho a,

ɔsum ne ho afidie.

26 Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ;

na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.

27 Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,

ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

28 Ɔdɔ ne nokorɛdie ɔhene ho ban;

nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.

29 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,

tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.

30 Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ

mmaaka te akoma mu.

Veja também