Publicidade

Provérbios 24

1 Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,

mfa wo ho mmɔ wɔn;

2 Ɛfiri , wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,

na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

3 Wɔde nyansa na ɛsi efie,

na nhunumu mu na wɔma ɛtim;

4 ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho na

na ɛyɛ hyehyɛ nʼadan mu.

5 Onyansafoɔ tumi a ɛso,

na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

6 deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,

deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.

7 Nyansa akyiri dodo ma ɔkwasea;

apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

8 Onipa ɔbɔ bɔne no

wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

9 Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ bɔne,

nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

10 wʼabamu go ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;

na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan akumiiɛ.

12 woka , "Na yɛnnim yei ho hwee a,"

deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?

Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?

Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?

13 Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri ɛyɛ;

ɛwokyɛm mu woɔ wʼanomu .

14 Hunu nso nyansa wo kra ;

wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.

15 Nkɔtɛ ɔteneneeni fie ɔkwanmukafoɔ,

na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

16 Ɛwom ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,

na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.

17 wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo ;

na ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,

18 ɛfiri Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ

na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.

19 Ɛnha wo ho abɔnefoɔ enti

na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,

20 ɛfiri , ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,

na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.

21 Me ba, suro Awurade ne ɔhene,

na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,

22 ɛfiri saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,

na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?

Anyansafoɔ Nsɛnka A Ɛkeka Ho

23 Yeinom nso anyansafoɔ Nsɛnka:

Atemmuo a animhwɛ mu no nyɛ:

24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi , "Wo ho nni asɛm" no

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

25 Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ no ɛbɛsi wɔn yie,

na nhyira bɛba wɔn so.

26 Mmuaeɛ pa

te mfeano.

27 Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuo;

ɛno akyi, si wo fie.

28 Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

29 Nka , "Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka."

30 Menante faa onihafoɔ afuo ho

twaa mu deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

31 nkasɛɛ afu baabiara,

wira afu akata asase no so,

na aboɔ afasuo no nso abubu.

32 Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so

na mesuaa biribi firii mu:

33 nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

34 bɛma ohia aba wo so ɔkwanmukafoɔ

na nneɛma ho nna bɛba wo so obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo ɔkorɔmfoɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-