Publicidade

Provérbios 27

1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.

2 Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa;

ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.

3 Ɛboɔ mu duru, na anwea adesoa,

nanso ɔkwasea abufuhyeɛ duru sene emu biara.

4 Abufuo tirim den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?

5 Animka a ɛda edwa

sene ɔdɔ a asuma.

6 Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no

sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.

7 Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,

nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono nʼanom .

8 Onipa a wayera ne fie ɛkwan,

te anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

9 Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,

adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.

10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,

na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

11 Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.

12 Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,

nanso ntetekwaafoɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

13 Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;

ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

14 obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no ɛyɛ nnome.

15 Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te

osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;

16 wopata no a, ɛte deɛ wopata mframa

anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.

17 Dadeɛ se dadeɛ,

saa ara na onipa se ɔfoforɔ.

18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba,

na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.

19 Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,

saa ara na onipa akoma da onipa no adi.

20 Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no,

saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

21 Kyɛmferɛ ma dwetɛ na fononoo ma sikakɔkɔɔ,

nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.

22 wowɔ ɔkwasea ɔwaduro mu,

wode ɔwɔma no te deɛ wosi aburoo a,

worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.

23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia wobɛhunu wo nnwankuo tebea,

na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;

24 ɛfiri , ahonya ntena daa,

na ahenkyɛ ntena mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

25 wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri

na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,

26 ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma,

na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.

27 Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree

ama wo ne wʼabusuafoɔ adi

ne aduane ama wo mmaawa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-