Publicidade

Provérbios 28

1 Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,

nanso teneneefoɔ koko duru agyata.

2 Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara adwuma.

3 Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no

te brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.

4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,

na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.

5 Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.

6 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm

sene ɔdefoɔ a nʼakwan kɔntɔnkye.

7 Deɛ ɔdi mmara so ɔba a ɔwɔ nhunumu,

nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ no gu nʼagya anim ase.

8 Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no

ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.

9 obi nni mmara so a,

ne mpaeɛbɔ mpo akyiwadeɛ.

10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afidie mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

11 Ɔdefoɔ tumi onyansafoɔ nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.

12 teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;

nanso amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.

13 Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,

na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae no nya ahummɔborɔ.

14 Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,

nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no amaneɛ mu.

15 Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no

te gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.

16 Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,

na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.

17 Deɛ awudie ma ne tiboa bu no no,

ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;

mma obiara mmɔ ne ho ban.

18 Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,

nanso deɛ nʼakwan kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

19 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,

nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.

20 Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,

na deɛ ɔpere ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.

21 Animhwɛ nyɛ,

nanso aduane kakra enti nnipa bɔne.

22 Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere ɔbɛyɛ ɔdefoɔ

na ɔnnim ohia retwɛn no.

23 Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire

asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

24 Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno

na ɔka , "Ɛnyɛ bɔne" no,

ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.

25 Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.

26 Deɛ ɔgye ne ho die no ɔkwasea,

na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.

27 Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no,

nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

28 amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;

na amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-