Publicidade

Provérbios 29

1 Obi a ɔkɔ so tufoanteɛ animka pii akyi no

wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.

2 teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie;

amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.

3 Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,

nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.

4 Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ,

nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no ɔman no.

5 Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no

sum ne nan afidie.

6 Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie,

nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.

7 Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ,

nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.

8 Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu,

nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.

9 onyansafoɔ de ɔkwasea asɛnniiɛ a,

ɔkwasea no bobom kasa di , na asomdwoeɛ mma.

10 Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ,

na wɔhwehwɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.

11 Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

12 sodifoɔ tie nkontomposɛm a,

nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.

13 Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa saa adeɛ baako yi:

Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.

14 ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a,

nʼahennwa bɛtim daa.

15 Ntenesoɔ abaa ma nyansa,

na abɔfra a wɔde ne ma noɔ no, gu ne na anim ase.

16 amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso so,

na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.

17 Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ;

ɔbɛma wo ɔkra ani agye.

18 anisoadehunu nni a, nnipa no basaa;

na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.

19 Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so,

ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.

20 Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa?

Ɔkwasea mu anidasoɔ sene no.

21 obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a,

awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.

22 Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba,

na deɛ ne bo nkyɛre fu no bɔne pii.

23 Onipa ahomasoɔ brɛ no ase,

nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.

24 Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho.

Wɔama waka ntam enti ɔsuro ɔbɛdi adanseɛ.

25 Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo,

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.

26 Bebree hwehwɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa,

nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.

27 Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ;

na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-