Pular para o conteúdo
Publicidade

Mmɛbusɛm 31

13 Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa

na ɔde ne nsa nwono so.

14 Ɔte adwadifoɔ ahyɛn,

ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.

15 Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre;

ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ

na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

16 Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ;

ɔfiri deɛ ɔnya mu bobefuo.

17 Ɔde nsi nʼadwuma;

nʼabasa mu ahoɔden ma nʼadwuma.

18 Ɔhwɛ nʼadwadie ho mfasoɔ,

na ne kanea ɛnnum anadwo.

19 Daa, na ne nsa kura tadua mu

a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

20 Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ

na ne nsa so onibie so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também