Publicidade

Provérbios 4

Nyansa Boro Biribiara So

1 Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso na moanya nteaseɛ.

2 Mema mo adenim a ɛkɔ anim,

enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3 Meyɛ ɔbabanin mʼagya fie,

meda so abadomaa na me maame di me bakorɔ no,

4 ɔkyerɛkyerɛɛ me ,

"Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm

di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.

5 Nya nyansa, nya nteaseɛ;

mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.

6 Nnya nyansa , na ɛbɛbɔ wo ho ban;

no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.

Ɛwom ne boɔ te wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.

8 Di no nni na ɛbɛpagya wo;

no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.

9 Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so

na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ ."

10 Me ba, tie na fa deɛ meka no,

na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11 Mɛkyerɛ wo nyansakwan

na mede wo afa akwan a ɛtene so.

12 wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ

na wotu mmirika a, worensunti.

13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu

ho ban yie, ɛfiri ɛyɛ wo nkwa.

14 Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so

na nnante abɔnefoɔ kwan so.

15 Kwati no, ntu kwan mfa so;

dane firi so na wo baabi.

16 Ɛfiri wɔntumi nna kɔsi wɔbɛyɛ bɔne;

na wɔntɔ nko kɔsi wɔbɛma obi ahwe ase.

17 Amumuyɛsɛm wɔn aduane,

na basabasayɛ wɔn nsa.

18 Teneneefoɔ kwan te adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan,

ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.

19 Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te esum kabii;

wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.

20 Me ba, aso ma deɛ meka;

tie me nsɛm no yie.

21 Mma ɛmfiri wʼani so,

fa sie wʼakoma mu;

22 ɛfiri , ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu

ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.

23 Ne nyinaa akyi, wʼakoma ho ban,

ɛfiri , ɛno ne wo nkwa asutire.

24 Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano;

mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25 Hwɛ wʼanim tee,

na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.

26 ɛkwan tamaa ma wo nan

na fa akwan a atim so.

27 Mmane mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan firi bɔne ho.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-