Publicidade

Provérbios 8

Nyansa Frɛ

1 Tie: Nyansa refrɛ.

Nteaseɛ ma ne nne so.

2 Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea ,

nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,

3 apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,

ɛteam aboboano ,

4 "Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;

meteam frɛ adasamma nyinaa.

5 Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;

mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.

6 Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.

7 Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,

ɛfiri mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.

8 Mʼano mu nsɛm nyinaa ;

ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

9 Ne nyinaa mu da ma deɛ ɔwɔ nhunumu;

ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.

11 Ɛfiri nimdeɛ som bo sene mmota,

na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.

12 "Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;

nimdeɛ ne nhunumu me.

13 wɔsuro Awurade ɛne wɔkyiri bɔne;

mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,

ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

14 Afotuo ne atemmuo pa me;

mewɔ nteaseɛ ne tumi.

15 Me so na ahemfo nam di adeɛ

na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ ;

16 Mmapɔmma de me bu ɔman

ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.

17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.

18 Ahonyadeɛ ne animuonyam me nkyɛn,

ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.

19 Mʼaba sene sikakɔkɔɔ amapa;

deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.

20 Tenenee akwan so na menam

atɛntenenee akwan so,

21 mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me

na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.

22 "Awurade bɔɔ me nʼabɔdeɛ mu abakan

dii ne tete nneyɛɛ anim;

23 ɔyii me sii firi tete,

ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.

24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no

ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;

25 ansa na wɔde mmepɔ resisi ,

wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,

26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo

anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.

27 Mewɔ ansa na wɔbɔɔ soro,

ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,

28 ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum soro

na ɔde ebunu mu nsutire tintim denden no,

29 ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo

sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ,

ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,

30 na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn.

Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa

na medii ahurisie nʼanim ɛberɛ biara,

31 na mʼani gye ne ewiase nyinaa mu

na mʼani ka adasamma mu.

32 "Enti me mma, montie me;

nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.

33 Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;

mommu mo ani nngu so.

34 Nhyira ne onipa a ɔtie me,

ɔwɛn mʼaboboano daa,

na ɔtwɛn .

35 Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa

na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.

36 Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho

na wɔn a wɔtane me no owuo."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-