Publicidade

Romanos 10

Gyidie Ne Bɔneka

1 Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ wɔbɛnya nkwagyeɛ. 2 Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu. 3 Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. 4 Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni.

5 Mose kyerɛɛ , onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ , "obi ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa." 6 Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔn akoma mu , "Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?" 7 Ɛnna wɔremmisa nso , "Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu"? 8 Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, "Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu." Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no. 9 wopae mu ka , "Yesu ne Awurade", na wogye di Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. 10 Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ. 11 Na Atwerɛsɛm no ka , "Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase." 12 Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no. 13 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka , "Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa."

14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye obi ka kyerɛ wɔn. 15 Na wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ , "Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan ."

16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa , "Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?" 17 Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18 Nanso, mebisa , Wɔante anaa? Wɔteeɛ:

"Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa,

na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano."

19 Mebisa bio , Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka ,

"Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu.

Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo."

20 Na Yesaia de akokoɔduru ka ,

"Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me;

medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no."

21 Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne ,

"Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa mu

ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-