Pular para o conteúdo
Publicidade

Romafoɔ 13

Momfa Nidie Mma Tumi

1 Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri , tumi biara nni a ɛmfiri Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no firi Onyankopɔn. 2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so. 3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi ne nsam anaa? Ɛnneɛ, deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo. 4 Ɛfiri , ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri , ne tumi a ɔde twe aso no da fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5 Esiane saa enti, ɛsɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim ɛsɛ woyɛ no enti.

6 Yei enti na ɛsɛ wotua toɔ, ɛfiri , atumfoɔ no wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7 Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.

Veja também