Publicidade

Romanos 4

Wɔgyina Abraham Gyidie So Bu No Bem

1 Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ? 2 wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 3 Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn , "Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no ɔteneneeni no."

4 Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ wɔbu nʼakatua no akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. 5 Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri wɔwɔ gyidie ne mu. 6 Dawid ka asɛm korɔ no ara , nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa :

7 "Nhyira ne wɔn a

wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,

na wɔakata wɔn bɔne so.

8 Nhyira nka onipa a

AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da."

9 Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri , yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu , "Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no ɔteneneeni." 10 Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ. 11 Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ , Onyankopɔn gyee no ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia. 12 Saa ara nso na Abraham agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.

13 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so. 14 wɔn a wɔdi Mmara so adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ, 15 ɛfiri mmara de abufuhyeɛ ba. Na mmara nni a, mmarato nni .

16 Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. 17 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: "Mayɛ wo aman bebree agya." Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri , Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni mu diiɛ.

18 Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no , "Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ" no. 19 Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. 20 Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. 21 Na ɔgye dii yie Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho no. 22 Yei enti wɔbuu no tenenee maa no. 23 Wɔtwerɛɛ , "Wɔbuu no tenenee maa no" no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. 24 Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no. 25 Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-