8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, "Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no. 9 Awurade mmoa mo mu biara na ɔnnya ɔhome wɔ okunu foforɔ fie." Afei, ɔfefee wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so suiɛ.
10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi sɛ, "Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn."
11 Nanso, Naomi kaa sɛ, "Me mma, monsane nkɔ fie. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmammarima bio a wɔbɛtumi awareware mo anaa? 12 Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, sɛ medwene sɛ anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a, 13 mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ, Awurade ayi ne nsa afiri me so!"
14 Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.