Pular para o conteúdo
Publicidade

Rut 4:13-22

Boas Asefoɔ

13 Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, "Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. 15 Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima."

16 Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. 17 Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, "Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio." Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.

18 Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie:

Peres woo Hesron.

19 Hesron woo Ram,

ɛnna Ram woo Aminadab.

20 Aminadab woo Nahson,

ɛnna Nahson woo Salmon.

21 Salmon woo Boas,

ɛnna Boas woo Obed.

22 Obed woo Yisai,

ɛnna Yisai woo Dawid.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Rute
Ver todos os capítulos de Rute