Pular para o conteúdo
Publicidade

Rut 4

Boas Ware Rut

1 Boas kɔɔ kuro no ɛpono ano kɔtenaa ase . Ɛberɛ a obusuani gyefoɔ nimpɔn a ɔkaa ne ho asɛm no baa no, Boas frɛɛ no kaa , "Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ." Enti, wɔtenaa ase.

2 Na Boas frɛɛ kuro no mu ntuanofoɔ edu wɔmmɛtena ase adansefoɔ. 3 Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefoɔ nimpɔn no , "Wonim Naomi a ɔfiri Moab baeɛ no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no. 4 Mesusu , ɛsɛ , me ne wo di ho nkɔmmɔ na wopɛ a, woagye. wopɛ asase no a, no ha yi ara saa adansefoɔ yi anim. Na wompɛ nso a, ma mente no seesei ara, ɛfiri , woantumi annye a, me ne onipa a medi wʼakyi abusua no mu a ɛsɛ megye."

Na ɔbarima no buaa , "Mɛgye."

5 Afei, Boas ka kyerɛɛ no , "wotɔ asase no firi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ woware Moabni okunafoɔ Rut no. ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu."

6 Ɛhɔ ara na abusua mu gyefoɔ nimpɔn no kaa , "Ɛnneɛ merentumi ntɔ asase no, ɛfiri , ɛbɛha mʼagyapadeɛ. asase no na merentumi ntɔ."

7 Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ , obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den. 8 Enti, abusua gyefoɔ nimpɔn no worɔɔ ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas , "Wo ara asase no."

9 Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofoɔ no ne ɛdɔm a wɔatwa ahyia no , "Ɛnnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapadeɛ a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho adansefoɔ. 10 Menam asase no so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafoɔ no me yere. Ɛno enti, ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapadeɛ a ɛwɔ ne kurom ha nso. Ɛnnɛ, mo nyinaa moyɛ adansefoɔ."

11 Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa , "Yɛyɛ adansefoɔ! Awurade mmoa mma ɔbaa a afei na ɔreba wo fie no nyɛ Rahel ne Lea4.11 Israelfoɔ nyinaa ase firi Rahel ne Lea mu. Saa ara na Dawid ne Agyenkwa no yɛ Rut asefoɔ. a wɔn mu na Israel aman nyinaa firi no. Wobɛyɛ kɛse Efrata na woagye edin Betlehem. 12 Na Awurade mfa ababaawa yi so mma wo asefoɔ a wɔbɛyɛ yɛn agya Peres4.12 Na Peres yɛ Boas aseni (Mat 1.3; Luk 3.33). a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no."

Boas Asefoɔ

13 Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi , "Animuonyam nka Awurade ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini Israel. 15 Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima."

16 Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te ɔno ankasa yafunu ba. 17 Na mmaa a wɔne no fipam kaa , "Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio." Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.

18 Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie:

Peres woo Hesron.

19 Hesron woo Ram,

ɛnna Ram woo Aminadab.

20 Aminadab woo Nahson,

ɛnna Nahson woo Salmon.

21 Salmon woo Boas,

ɛnna Boas woo Obed.

22 Obed woo Yisai,

ɛnna Yisai woo Dawid.

Veja também

Rute
Ver todos os capítulos de Rute