Publicidade

Tiago 2

Kɔkɔbɔ

1 Me nuanom, moyɛ agyidifoɔ Awurade Kristo animuonyam mu yi, monnyɛ animhwɛ. 2 mohyia a, ɔdefoɔ a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadego nso tumi ba bi. 3 wode anidie ma deɛ wasiesie ne ho yie no, na woka kyerɛ no , "Tena saa akonnwa pa yi so," na woka kyerɛ ohiani no nso , "Sɔre gyina anaa tena fam me nan ase ha" a, 4 wodi wogyina atemmuo a ɛfiri adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.

5 Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ wɔnyɛ adefoɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho no. 6 Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo atemmufoɔ anim? Adefoɔ! 7 Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.

8 Ɛyɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka , "wo yɔnko wo ho" no so. 9 Na mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho na Mmara no tia mo mmaratofoɔ. 10 Obiara a ɔbu mmara no mu baako so no bu ne nyinaa so. 11 Ɛfiri , deɛ ɔkaa , "Nsɛe awadeɛ" no, ɔno ara nso na ɔkaa , "Nni awu." Na woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.

12 woyɛ Kristo apɛdeɛ o, woanyɛ nʼapɛdeɛ o, wobɛbu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne deɛ woyɛ biara yie. 13 Ɛfiri , obi a wanhunu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmuo mu no, wɔrenhunu no mmɔbɔ. Nanso atemmuo mu mpo no, Onyankopɔn hunu mmɔbɔ.

14 Me nuanom, obi ka , "Mewɔ gyidie" na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa? 15 anuanom bi a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, 16 wokɔka kyerɛ wɔn , "Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie" na woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17 Saa ara na gyidie teɛ. nneyɛeɛ nka ho a, na awu.

18 Nanso, obi bɛtumi aka , "Obi gyidie na afoforɔ nso nneyɛeɛ."

Me mmuaeɛ ne , "Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie." 19 Wogye di Onyankopɔn baako na ɔwɔ ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo suro mu.

20 Ɔkwasea! Wopɛ wɔka kyerɛ wo gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa? 21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so ɔde ne ba Isak maa afɔrebukyia so no. 22 Wohunu ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu. 23 Na Atwerɛsɛm no baa mu , Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. 24 Yei da no adi pefee Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so.

25 Saa ara na ɛte adwaman Rahab ho. Ne nneyɛeɛ maa Onyankopɔn buu no bem, ɛfiri , ɔgyee Yudafoɔ bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma wɔdwane faa ɛkwan foforɔ bi so. 26 Sɛdeɛ onipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no nso awuo.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-