Pular para o conteúdo
Publicidade

O adultério

Por Bíblia Online

O adultério é pecado grave que destrói alianças, famílias e vidas. A Bíblia condena firmemente a infidelidade conjugal e chama à pureza, fidelidade e santidade no casamento.

A lei de Deus

Não adulterarás. Quem comete adultério destrói a própria alma. A Palavra de Deus é clara e direta sobre este pecado.

Nsɛe aware.

" ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔabɔ aguaman.

" Ɛnsɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.

Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

Ɔhwe ne animguase na obenya,

na nʼahohora rempepa da.

Ninkutwe hwanyan okunu abufuw

na ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.

Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmude, ɛso dɛn mpo a.

Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so a

nhyew nʼatade ana?

Obi betumi anantew nnyansramma so a

mpumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana?

Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te;

obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da.

Jesus ensina

Quem olhar para uma mulher com intenção impura já adulterou no coração. Jesus elevou o padrão da pureza.

Aguamammɔ

"Mose mmara no ka se, Nsɛe aware. Na me de, nea mereka ne : Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn no ne koma mu no, abɔ aguaman.

Na me de, nea mereka ne , ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.

Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi.

Obuaa wɔn se, "obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman. Na ɔyere gyaa ne kunu aware na ɔsan ware a, na ɔno nso abɔ aguaman saa ara."

"Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, aguaman."

Wɔka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi ɔrebɔ aguaman, nanso Mose mmara hyɛ yɛn , ɔbea biara a wɔbɛkyere no saa ɔkwan no so no, ɛsɛ wosiw no abo. Dɛn na woka ho?" Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no." Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam.

Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, "Nnipa a wɔde wo bae no he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?"

Ɔbea no buaa Yesu se, "Dabi, Owura."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. , na nkɔyɛ bɔne bio."

Armadilhas e consequências

Os lábios da mulher estranha destilam mel, mas o seu fim é amargo. Fuja da imoralidade — o adultério escraviza.

Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,

na ne kasa fɔmm sen ngo;

nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,

ɛyɛ nam afoa anofanu.

Nʼanan owu mu;

nʼanammɔntutu ɔda mu tee.

Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan kɔntɔnkye, nanso onnim.

Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,

na ne kasa fɔmm sen ngo;

nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,

ɛyɛ nam afoa anofanu.

Nʼanan owu mu;

nʼanammɔntutu ɔda mu tee.

Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan kɔntɔnkye, nanso onnim.

Enti afei, me mma, muntie me;

Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.

Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;

mommmɛn ne fi pon ano,

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo

na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,

Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;

mommmɛn ne fi pon ano,

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo

na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,

anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade

na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.

Mo nkwanna akyi, mubesi apini,

bere a mo honam ne mo nipadua asa no.

Na moaka se, "Na mikyi ahohyɛso!

Me koma ampɛ nteɛso!

Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo

na mantie me kwankyerɛfo asɛm.

Madu ɔsɛe ano

asafo no nyinaa mu."

Ɔte ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;

ma ne nufu nsɔ wʼani daa

na ne nkyekyere wo.

Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?

Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?

Ne fi ɔkwan a ɛkɔ owu mu

na nʼakwan awufo honhom nkyɛn.

Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

Ɔbea waresɛefo anom amoa donkudonku;

nea ɔhyɛ Awurade abufuw ase no bɛtɔ mu.

Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua.

Honhom Mu Asetena

Na mise montena ase Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan. Efisɛ nea ɔhonam no tia nea Honhom no ; saa ara nso na nea Honhom no no, ɔhonam no tia. Nʼabien no abira, enti ɛnsɛ moyɛ nea mopɛ.

Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.

Mo nyinaa nni aware ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho wɔn ho nokware, efisɛ Onyankopɔn bebu nguamanfo ne aguamammɔ atɛn.

Eyi Onyankopɔn a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. Ɛsɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronkronyɛ ne anuonyam mu. Monntena ase akɔnnɔ anibere so te abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no.

Nnipa a munni gyidi! Munnim , mofa wiase adamfo a,) na wobehu. na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo.

Mama no bere ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu. Ɛno nti, wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano den yiye.

Seja o primeiro