Pular para o conteúdo
Publicidade

Habakuk 1

1 Eyi ne asɛm a odiyifo Habakuk nya fii Awurade nkyɛn anisoadehu mu.

Habakuk Anwiinwii

2 Awurade, enkosi da bɛn na memfrɛ nsrɛ mmoa,

nanso wuntie me?

Meteɛ mu frɛ, "Akakabensɛm!"

nanso womma mmegye me.

3 Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyew?

Adɛn nti na wotena bɔne ho?

Ɔsɛe ne akakabensɛm da mʼanim,

basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ho ahyia.

4 Enti mmara nyɛ adwuma

na atɛntrenee nni baabiara,

atirimɔdenfo aka atreneefo ahyɛ,

enti wɔkyea atemmu.

Awurade Mmuae

5 "Hwɛ aman no,

na wo ho bedwiriw wo!

Merebɛyɛ biribi wo bere so,

na wɔka kyerɛ wo a,

worennye nni.

6 Merema Babiloniafo asɔre,

ɔman a wɔyɛ atirimɔdenfo ne ntɔkwapɛfo;

wobu fa asase nyinaa so,

na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn de.

7 Wɔn ho hu na nnipa suro wɔn;

wɔyɛ wɔn koko so ade,

de anuonyam ma wɔn ho.

8 Wɔn apɔnkɔ ho hare sen asebɔ,

na wɔn ho hu sen pataku a ɔnam anadwo,

wɔn apɔnkɔsotefo wɔn anim mmarima so,

wofi akyirikyiri nsase so,

na wɔbɔ hoo akorɔma a ɔrekɔkyere aboa.

9 Wɔn nyinaa ba wɔrebɛyɛ basabasayɛ.

Wɔn dɔm pem wɔn anim te nweatam so mframa,

na wɔtase nneduafo nwea.

10 Wodi ahene ho fɛw,

wɔka aman sodifo anim,

na wɔtwee nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen.

Wosisi dɔte mpie nam so kyekyere atamfo.

11 Wɔbɔ hoo te mframa wɔn anim.

Afɔdifo a wɔn ahoɔden wɔn nyame."

Habakuk Nwiinwii Bio

12 Awurade, wunni fi tete ana?

Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa.

Wo, Awurade, woapaw wɔn wommu atɛn;

wo, me Botantim, woahyɛ wɔn wɔntwe aso.

13 Wʼaniwa kronkron a wuntumi nhwɛ nnebɔne;

wunnyigye nnebɔne so.

Na adɛn nti na wugyigye nnipa akɔntɔnkye so,

na dɛn nti na wayɛ komm bere a

atirimɔdenfo rememene atreneefo?

14 Woama nnipa ayɛ nsumnam a ɛwɔ po mu,

te abɔde a ɛwɔ po mu a wonni sodifo.

15 Ɔtamfo tirimɔdenfo no de darewa yi wɔn,

ogu nʼasau de buma wɔn,

na afei ɔsɛpɛw ne ho ma nʼani gye.

16 Ne saa nti ɔbɔ afɔre ma nʼasau

na wahyew aduhuam ama no,

efisɛ asau yi so na ɔnam nya yiyedi,

na odi nʼakɔnnɔ aduan.

17 Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam,

na ɔmfa atirimɔden nsɛe aman ana?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Habacuque
Ver todos os capítulos de Habacuque