Pular para o conteúdo
Publicidade

Nahum 3

Ninewe Nnome

1 Nnome nka mogya kuropɔn

a atoro ne korɔn ahyɛ no ma

na amanehunufo mpa mu da!

2 Apɔnkɔkafo abaa regyigye,

nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi

Apɔnkɔ rehuruhuruw

ne nteaseɛnam redankyidankyi.

3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko wɔn anim;

afoa twa yerɛw yerɛw,

na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw.

Atɔfo bebree,

awufo a bi deda bi so,

afunu a wontumi nkan wɔn dodow

a nnipa tiatia so.

4 Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ,

ntafowayifo no nnaadaa dodow no.

Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman

na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.

5 "Me ne wo nka," sɛnea Asafo Awurade se ni,

"Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro.

Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw

na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.

6 Mede fi bɛsra wo ho,

mebu wo animtiaa

na mama nnipa ahwɛ wo.

7 Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se,

Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?

Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?"

8 Wuye sen Tebes a

ɛda Asubɔnten Nil ho a

nsu atwa ne ho ahyia ana?

Asubɔnten ne ho ban

na nsu ne fasu.

9 Kus ne Misraim ne dɔm a wontumi nkan wɔn.

Put ne Libia ka nʼadomfo ho.

10 Nanso wɔfaa no nnommum

twaa no asu.

Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam

ma wɔtetee mmɔnten so.

Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto,

na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

11 Wo nso wobɛbow

Na wubehintaw wo ho

de akɔpɛ guankɔbea atamfo nkyɛn.

12 Wʼaban nyinaa te borɔdɔma nnua

a asow aba foforo:

wɔwosow a

aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.

13 Hwɛ wʼakofo

wɔn nyinaa mmea!

Wʼasase so apon ano deda ma wʼatamfo;

ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.

14 Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no.

Yere wo bammɔ mu!

Wɔw dɔte no

na siesie ntayaa a wɔato no!

15 Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo;

afoa betwa wo ahwe fam,

wobedi wo nam mmoadabikuw.

Monnɔ tɛwtɛw,

mo ase mfɛe mmoadabi!

16 Woama wʼaguadifo adɔɔso,

wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma,

nanso wɔte mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa

na afei wotu .

17 Wʼawɛmfo te mmoadabi.

Wʼadwumayɛfo te mmoadabi akuw

a wɔsensam ban ho awɔw da.

Nanso owia pue a wotu ,

na obi nnim faako a wɔkɔ.

18 Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko.

Wʼanuonyamfo deda rehome.

Wo nkurɔfo abɔ apete mmepɔw no so

a wonni anoboaboafo.

19 Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no;

wo kuru no bekum wo.

Obiara a ɔte wo nka no

ne nsam wʼasehwe ho,

Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm

no bi nkaa no da?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Naum
Ver todos os capítulos de Naum