Pular para o conteúdo
Publicidade

Nahum 2

Ninewe Asehwe

1 Ɔtamfo reba wo so, Ninewe

aban no ho ban,

wɛn ɔkwan no,

wo ho so

na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

2 Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no

te Israel de no,

ɛwɔ mu , asɛefo no ama ada mpan

na wɔasɛe ne bobe mfuw.

3 Asraafo no nkatabo kɔkɔɔ;

akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade.

Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no

twa yerɛw yerɛw da a wɔyɛɛ no;

mpeaw a wɔapema nnua so no rehim.

4 Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so,

na wodi akɔneaba.

Wɔte ogyatɛn a ɛredɛw;

wɔbɔ yerɛdɛ te anyinam.

5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu,

nanso wohintihintiw ɔkwan mu.

Wɔde mmirika kuropɔn no afasu ho;

na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.

6 Wobuebue asubɔnten apon no,

na ahemfi no dwiriw gu fam.

7 Wɔhyɛ mmaraden

wɔmfa kuropɔn no nnommum

na wɔmfa wɔn nkɔ.

Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so

su te mmorɔnoma.

8 Ninewe te ɔtare a

mu nsu resen .

Wɔteɛ mu se, "Munnyina ! Munnyina !"

Nanso, obiara ansan nʼakyi.

9 Momfom dwetɛ no!

Momfom sikakɔkɔɔ no!

Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa!

Na ahonyade no dɔɔso.

10 Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa!

Koma botow, na nkotodwe wosowosow,

nnipa ho popo na wɔn anim hoa.

11 Mprempren he na gyata buw no ,

faako a wɔma wɔn mma aduan no,

faako a gyatanini ne gyatabere kɔe

na wɔn mma nso a wonsuro?

12 Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma.

Wabobɔ hanam ama gyatabere no.

Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma

na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.

13 "Me ne wo nka,"

sɛnea Asafo Awurade se ni,

"Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw

na afoa bekunkum wo gyatamma.

Merennyaw wo hanam biara asase so.

Wɔrente wʼasomafo no nne bio."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Naum
Ver todos os capítulos de Naum