Publicidade

O adultério

Por Bíblia Online

O adultério é pecado grave que destrói alianças, famílias e vidas. A Bíblia condena firmemente a infidelidade conjugal e chama à pureza, fidelidade e santidade no casamento.

A lei de Deus

Não adulterarás. Quem comete adultério destrói a própria alma. A Palavra de Deus é clara e direta sobre este pecado.

Nsɛe awadeɛ.

" ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa.

" Ɛnsɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.

Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na nʼahohora rempepa da.

Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo

na ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.

Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmudeɛ, ɛso ɛdeɛn mpo a.

Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a

ɛnhye nʼatadeɛ anaa?

Obi bɛtumi anante gyasramma so a

mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?

Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ

obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.

Jesus ensina

Quem olhar para uma mulher com intenção impura já adulterou no coração. Jesus elevou o padrão da pureza.

Adwamammɔ

"Mose mmara no ka , Nsɛe awadeɛ. Na me deɛ, deɛ mereka ne : Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn no nʼakoma mu no, abɔ adwaman.

Na me deɛ, deɛ mereka ne , ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.

Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi.

Ɔbuaa wɔn , "obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman. Na ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara."

"Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, adwaman."

Wɔka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi ɔrebɔ adwaman, nanso Mose mmara hyɛ yɛn , ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka ho?" Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn , "Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no." Ɔsane bɔɔ ne mu ase twerɛtwerɛɛ fam.

Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara. Yesu maa ne mu so no, ɔbisaa ɔbaa no , "Nnipa a wɔde wo baeɛ no he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?"

Ɔbaa no buaa Yesu , "Dabi, Owura."

Yesu ka kyerɛɛ no , "saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. , na nkɔyɛ bɔne bio."

Armadilhas e consequências

Os lábios da mulher estranha destilam mel, mas o seu fim é amargo. Fuja da imoralidade — o adultério escraviza.

Ɛfiri ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,

na ne kasa yɛɛ sene ngo;

nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,

ɛyɛ nam akofena anofanu.

Ne nan owuo mu;

nʼanammɔntutuo ɛda mu tee.

Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

Ɛfiri ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,

na ne kasa yɛɛ sene ngo;

nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,

ɛyɛ nam akofena anofanu.

Ne nan owuo mu;

nʼanammɔntutuo ɛda mu tee.

Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

Enti, afei, me mma, montie me;

Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so

mommmɛn ne fie ɛpono ano,

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ

na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so

mommmɛn ne fie ɛpono ano,

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ

na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ

na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie

ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

Na moaka , "Na mekyiri ahohyɛsoɔ!

Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ

na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa

asafo no nyinaa mu."

Ɔte ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.

Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa

na ne nkyekyere wo.

Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?

Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?

Ne fie ɛkwan a ɛkɔ owuo mu

na nʼakwan awufoɔ honhom nkyɛn.

Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

Ɔbaa waresɛefoɔ anomu amena donkudonku;

deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua.

Honhom Mu Asetena

Na mese, montena ase Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan. Ɛfiri , deɛ honam no tia deɛ Honhom no ; saa ara nso na deɛ Honhom no no, honam no tia. Ne mmienu no abira, enti ɛnsɛ moyɛ deɛ mopɛ.

Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie, abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no , wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.

Yei Onyankopɔn a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho firi adwamammɔ ho. Ɛsɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te wɔn a wɔnnim Onyankopɔn.

Nnipa a monni gyidie! Monnim , mofa ewiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfoɔ? Obiara a ɔpɛ ɔyɛ ewiase adamfo no dane Onyankopɔn ɔtamfoɔ.

Mama no ɛberɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu. Ɛno enti, wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano den yie.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-