Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 20

Abraham Ne Abimelek

1 Afei, Abraham tu firii kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. 2 Abraham maa nnipa no tee aseɛ , Sara ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie.

3 Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no , "Wosɛ owuo, ɛfiri , ɔbaa a woakɔfa no no obi yere."

4 Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa , "Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5 Abraham ka kyerɛɛ me , Ɔyɛ me nuabaa.Na Sara no nso kaa , Ɔyɛ me nuabarima.Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no."

6 Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no , "Ɛyɛ nokorɛ turodoo , wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7 Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri , saa ɔbarima no odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na woansane amfa no ankɔma no a, hunu , wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu."

8 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. 9 Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no , "Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ wode me." 10 Afei, Abimelek bisaa Abraham , "Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?"

11 Abraham buaa , "Mesusuu , nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me. 12 Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no. 13 Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham , mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara , Adɔeɛ a ɛsɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka , meyɛ wo nuabarima.’ "

14 Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no. 15 Abimelek kaa , "Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ wotena no, fa."

16 Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso , "Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo bɔne a wɔde too wo so no, wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so."

17 Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn , ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie yadeɛ, ma wɔnwo mma. 18 Esiane Abraham yere Sara enti, Awurade too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também