Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 23

Sara Wuo

1 Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson. 2 Ɔwuu Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no .

3 Abraham gyaa ne yere Sara amu no , kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn , 4 "Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere so."

5 Hetifoɔ no buaa Abraham , 6 "Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ wosie wo yere no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo."

7 Ɛhɔ ara, Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase Hetifoɔ no anim, 8 ka kyerɛɛ wɔn , "moapene so mensie mʼamu no ha deɛ a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me, 9 na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ."

10 Saa ɛberɛ no na Hetini Efron a ɔte ne manfoɔ mu no buaa Abraham maa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia kuro no ɛpono ano nyinaa tee , 11 "Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no ."

12 Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase ɔmanfoɔ no anim, 13 ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no , "Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no."

14 Efron buaa Abraham , 15 "Me wura, tie me! Asase no boɔ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!"

16 Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ.

17 Enti, wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuo no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuo no mu ne nʼahyeɛ so nyinaa maa 18 Abraham nʼagyapadeɛ. Yei nyinaa sii Hetifoɔ no ne wɔn a wɔbaa kuro no ɛpono no ano nyinaa anim. 19 Afei, Abraham siee ne yere Sara ɔboda a ɛwɔ Makpela afuo a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu. 20 Enti, Hetifoɔ no yɛɛ nhyehyɛeɛ de afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham , nʼagyapadeɛ ne nʼamusieeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também