Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 48

Yakob Hyira Efraim Ne Manase

1 Yei akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef , "Wʼagya yare." Enti, Yosef faa ne mmammarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no. 2 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yakob amaneɛ , "Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo" no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so maa no akwaaba.

3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef , "Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me, 4 ka kyerɛɛ me , Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.

5 "Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon me mma no. 6 Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho asase a wɔde bɛma wɔn wɔn agyapadeɛ no so. 7 Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi."

8 Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa , "Na yeinom ɛhefoɔ?"

9 Yosef buaa nʼagya , "Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me ha."

Na Israel kaa , "Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn."

10 Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano.

11 Israel ka kyerɛɛ Yosef , "Manna mannwene mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso."

12 Yosef pagyaa wɔn firii Israel kotodwe anim, ɛnna ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuu fam. 13 Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ. 14 Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom na Manase abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.

15 Ɔhyiraa Yosef ,

"Onyankopɔn a mʼagyanom

Abraham ne Isak nantee nʼanim,

ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me odwanhwɛfoɔ

de bɛsi ɛnnɛ no,

16 ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,

ɔnhyira saa mmarimaa yi.

Wɔmfa me din ne mʼagyanom,

Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,

na wɔn ase mfɛe

asase so."

17 Ɛberɛ a Yosef hunuu nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no . Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18 Yosef ka kyerɛɛ nʼagya , "Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam."

19 Nanso, nʼagya ampene so kaa , "Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree." 20 Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no ,

"Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.

Wɔbɛka , Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te Efraim ne Manase.’ "

Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef , "Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. 22 Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também