Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 43

Yakob Mma No Sane Misraim

1 Saa ɛberɛ no mu no, na ɛkɔm no ano da so den asase no so nyinaa. 2 Enti, ɛberɛ a aduane a wɔkɔtɔ firii Misraim baeɛ no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn , "Monsane nkɔ, nkɔtɔ aduane kakra mmra bio."

3 Nanso, Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob , "Owura no suae kyerɛɛ yɛn dendeenden , moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim ha bio.4 wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ deɛ a, ɛnneɛ, yɛbɛsane akɔ akɔtɔ aduane no bi abrɛ wo. 5 Nanso, woamma yɛamfa no ankɔ deɛ a, yɛrenkɔ, ɛfiri , owura no suaee dendeenden , mo nua kumaa no nka mo ho a, monnsi mʼanim bio.’ "

6 Israel bisaa ne mma no , "Adɛn enti na moka kyerɛɛ owura no mowɔ nua kumaa bi , na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?"

7 Anuanom no buaa wɔn agya Israel , "Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa , Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim ɔbɛka se, Momfa mo nua kumaa no mmra.’ "

8 Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel , "Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma. 9 Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. mamfa no amma a, bisa me. mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa. 10 yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa ɛberɛ yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu."

11 Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn , "meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yie deɛ a, ɛnneɛ, momfa asase yi so nnepa a ebi ne akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, aduhwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nhyɛ mo nkotokuo mu, nkɔyɛ owura no ayɛ. 12 Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho mmienu, ɛfiri , ɛsɛ mosane de sika a kane no mode kɔeɛ na ɔsane de hyɛɛ mo nnesoa mu baeɛ no kɔma no. Ebia, na ɛyɛɛ no anifasoɔ. 13 Momfa mo nua no nso nka mo ho, na monsim ntɛm ntɛm nkɔ. 14 Otumfoɔ Onyankopɔn nnyina mo akyiri, na owura no nhunu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua panin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsane mmra. ɛsɛ medi wɔn wuo ho awerɛhoɔ nso a, menni asɛm biara ka."

15 Enti, Israel mma no faa akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho mmienu, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, siim kɔeɛ. Wɔduruu Misraim no, wɔkɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef. 16 Ɛberɛ a Yosef hunuu Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie ɔsomfoɔ panin no , "Fa nkurɔfoɔ no me fie, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduane, na awia me ne wɔn bɛdidi."

17 Ɔsomfoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɔde nkurɔfoɔ no kɔɔ Yosef fie. 18 Ɔde wɔn duruu Yosef fie no, wɔsuroeɛ. Wɔkaa , "Gyama ɛsiane dwetɛ a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu no enti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ ɔde korɔno to yɛn so, na ɔfa yɛn ne nkoa, na ɔsane fa yɛn mfunumu no nyinaa."

19 Wɔduruu Yosef fie kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef ɔsomfoɔ panin no nkyɛn. 20 Wɔka kyerɛɛ no , "Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha ɛberɛ bi a atwam bɛtɔɔ aduane. 21 Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba. 22 Yɛasane de sika foforɔ aba yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu."

23 Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ." Afei, ɔyii Simeon firii afiase de no brɛɛ wɔn.

24 Ɔsomfoɔ panin no de wɔn kɔɔ Yosef fie, maa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase, ɛnna ɔmaa wɔn mfunumu no nso aduane diiɛ. 25 Wɔboaboaa akyɛdeɛ a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, ɛfiri , na wɔate wɔbɛdidi efie awia no.

26 Ɛberɛ a Yosef baeɛ no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛdeɛ no maa no. 27 Yosef bisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho te. Ɔtoaa so , "Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase anaa?"

28 Wɔbuaa no , "Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho . Ɔda so te ase." Wɔde obuo ne anidie bɔɔ wɔn mu ase nʼanim.

29 Ɛberɛ a nʼani tɔɔ ne maame ba Benyamin anim no, ɔbisaa , "Yei ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no anaa?" Ɔtoaa so , "Me ba, Onyankopɔn nnom wo!" 30 Yosef hunuu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ hoeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm firii adi kɔhyɛɛ ne piam, kɔsuiɛ.

31 Ɔsu wieeɛ no, ɔhohoroo nʼanim, sane baeɛ de animia kaa , "Momma yɛnnidi!"

32 Wɔtoo Yosef ɛpono baabi, ɛnna wɔtoo anuanom no nso ɛpono baabi ɛdan korɔ no ara mu. Misraimfoɔ a wɔyɛ Yosef asomfoɔ no nso didii baabi foforɔ, ɛfiri , Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ nto nsa nnidi, ɛyɛ wɔn akyiwadeɛ. 33 Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim. 34 Wɔtetee nnuane no firi Yosef ɛpono so kɔmaa wɔn, nanso Benyamin deɛ, na ne deɛ no dɔɔso sene ne nua biara deɛ mprenum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigyeɛ ne ahosɛpɛ didi nomeeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também