Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 34

Sekem Gu Dina Ho Fi

1 Ɛda koro bi, Lea ne Yakob ba Dina firii adi kɔsraa mmabaawa a wɔwɔ wɔn mpɔtam no. 2 Ɛberɛ a Hewifoɔhene Hamor babarima Sekem hunuu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no monnaa. 3 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara , ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. 4 Ɛno enti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor , "Mepɛ meware ababaawa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!"

5 Ɛberɛ a Yakob tee Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii wɔbaeɛ.

6 Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ. 7 Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm , wɔfiri wiram baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri Sekem ayɛ aniwudeɛ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei akyiwadeɛ.

8 Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob , "Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. 9 Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ. 10 Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa mo dea. Montena so, nni dwa so, mpɛ mu agyapadeɛ."

11 Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no "Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua. 12 Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne , mode ababaawa no bɛma me aware."

13 Esiane na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi akyire. 14 Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor , "Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15 Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te yɛn. 16 moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ nnipa baako. 17 moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ."

18 Asɛm a wɔkaeɛ no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. 19 Sekem a na ɔyɛ aberanteɛ a ɔdi mu nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔkɔtwaa twetia no, sɛdeɛ Yakob mma no kaeɛ no, ɛfiri , na ɔpɛ Yakob babaa no yie. 20 Enti, Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ dwa kuro no ɛpono ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasaeɛ , 21 "Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yie. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yɛnni edwa. Ɛfiri , yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsene so. Yɛbɛtumi aware wɔn mmammaa, na wɔn nso bɛtumi aware yɛn deɛ. 22 Nanso, ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena nnipa korɔ no, gye yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛdeɛ wɔn nso wɔatwitwa twetia no. 23 ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapadeɛ ne wɔn mmoa ahodoɔ a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn dea anaa? Enti, momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena."

24 Mmarima a wɔkɔhyiaa Hamor ne ne ba Sekem kuro no ɛpono ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom nyinaa twitwaa twetia.

Dina So Aweretɔ

25 Nnansa akyiri a na twetiatwa no enti, kurom mmarima no nyinaa deda a wɔgye wɔn ho a ɛnnye no, Yakob mmammarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuammarima no faa wɔn mpea. Wɔkɔto hyɛɛ kuro no so, ɛberɛ a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkumm mmarima a wɔwɔ kurom nyinaa. 26 Wɔde pea kumm Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabaa Dina firii Sekem fie de no kɔɔ wɔn nkyɛn. 27 Yakob mmammarima a wɔaka no nso to hyɛɛ kuro no so. Wɔtiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kuro no mu nneɛma nyinaa pasaa, ɛfiri , ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabaa Dina ho fi. 28 Wɔfom wɔn anantwie, wɔn nnwan, wɔn mfunumu ne wɔn agyapadeɛ biara a ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wiram nyinaa. 29 Wɔfaa wɔn ahodeɛ, wɔn yerenom ne wɔn mmaa, fom wɔn afie mu nneɛma nyinaa.

30 Afei, Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi , "Mode ɔhaw abɛto me so, ama ɛnnɛ me ho koraa abɔn Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ a mete wɔn asase so yi. Yɛn nnɔɔso. wɔka wɔn ho bom, bɛto hyɛ yɛn so a, wɔbɛhye me ne mʼasefoɔ nyinaa."

31 Na wɔbuaa wɔn agya , "Enti, anka yɛntena nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabaa odwamanfoɔ anaa?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também