Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 42

Yosef Nuammarima Misraim

1 Ɛberɛ a Yakob tee aburoo Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no , "Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?" 2 Yakob toaa so , "Mate aburoo Misraim. Monkɔ , na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn."

3 Enti, Yosef nuammarima mpanimfoɔ edu no kɔɔ Misraim wɔrekɔtɔ aburoo no bi. 4 Nanso, Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, ɛfiri , na ɔsuro biribi bɛyɛ no. 5 Enti, Israel mmammarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfoɔ a wɔfifiri aman ahodoɔ so kɔtɔ aburoo Misraim no ho, ɛfiri , na ɛkɔm no atrɛ akɔduru Kanaan asase so mmaa nyinaa.

6 Na Yosef amrado Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam. 7 Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara , ɔhunuu wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn , "Mofiri he?"

Anuanom no buaa no , "Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba yɛrebɛtɔ aduane."

8 Ɛwom na Yosef ahunu wɔn ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu , ɔno ne Yosef. 9 Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya."

10 Anuanom no teaam , "Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ yɛrebɛtɔ aduane. 11 Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa."

12 Nanso, Yosef ka tii mu , "Dabi, morebɛhwɛ sɛdeɛ asase no asi agyigya afa."

13 Anuanom no buaa , "Yɛn, wʼasomfoɔ, yɛyɛ anuanom dumienu. Yɛyɛ ɔpanin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Seesei, yɛn kaakyire no yɛn agya nkyɛn, ɛnna ɔbaako nso afiri mu."

14 Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn , "Asɛm a meka kyerɛɛ mo moyɛ akwansrafoɔ no, ɛno ara ne no. 15 Ɛkwan a mepɛ mefa so de mo hwɛ nie: mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, meremma mo mfiri Misraim asase so ha nkɔ da, kɔsi mode mo kaakyire no bɛba. 16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyire no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa bɛgu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahunu , mo asɛm a moreka no nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ. ɛkɔba monni nuabarima kumaa a ɔyɛ mo kaakyire a, mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, na ɛkyerɛ moyɛ akwansrafoɔ ampa!" 17 Enti, ɔde wɔn guu afiase nnansa.

18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no , "Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho monyɛ akwansrafoɔ. 19 moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no. 20 Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu , asɛm a moreka no nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo." Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so.

21 Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho , "Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi."

22 Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa , "Manka mankyerɛ mo monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ yɛbu ne mogya ho akonta" 23 Esiane na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim Yosef te wɔn kasa.

24 Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔn anim.

25 Yosef hyɛɛ , wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn. 26 Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no mfunumu no so, siim wɔrekɔ wɔn kurom.

27 Wɔrekɔ no ara, wɔgyinaa ɛkwan so anadwo homeeɛ. Ɛhɔ na wɔn mu baako sanee ne kotokuo ano ɔrema nʼafunumu aduane adi. Ɔsanee ne kotokuo no ano no, ɔhunuu ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ kotokuo no fa baabi. 28 Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no , "Wɔde me sika no asane ahyɛ me kotokuo no mu. Monhwɛ. Ɛno nie!"

Saa asɛm yi maa wɔn akoma tutuiɛ. Enti, wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kaa , "Ɛdeɛn anwanwadeɛ na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?"

29 Wɔduruu wɔn agya Yakob nkyɛn Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amaneɛ. Wɔkaa , 30 "Yɛduruu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no a ɔyɛ asase no so ɔhene ɔboafoɔ no poopoo nʼani, kasaa anihanehane so kyerɛɛ yɛn , yɛyɛ akwansrafoɔ. 31 Nanso, yɛbuaa no , Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ. 32 Yɛyɛ anuanom dumienu a yɛfiri agya baako. Ɔbaako afiri mu. Seesei, yɛn kaakyire no yɛn agya nkyɛn Kanaan.

33 "Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn , Ɛkwan a mepɛ mefa so de mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no. 34 Nanso, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu monyɛ akwansrafoɔ na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mobɛtumi abɛtɔ aburoo no bi asase yi so mpɛn dodoɔ biara a mopɛ.’ "

35 Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ. 36 Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn , "Moama mahwere me mma. Yosef nni ; Simeon nso nni ; afei mopɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me."

37 Ruben ka kyerɛɛ nʼagya , "mamfa Benyamin ansane amma a, wowɔ ho kwan wokum me mmammarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsane mede no abrɛ wo."

38 Nanso, Yakob buaa , "Me babarima no ne monnkɔ , ɛfiri , ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. saa akwantuo a morebɛtu yi, asiane bi kɔsiane no a, mɛwu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também