Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 49

Yakob Hyira Ne Mmammarima

1 Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn , "Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.

2 "Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie;

montie mo agya Israel.

3 "Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.

Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a

ɛboro animuonyam ne tumi so.

4 Woyɛ kirikiri asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,

ɛfiri , woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ,

de guu mʼanim ase.

5 "Simeon ne Lewi anuanom.

Wɔgyina ma basabasayɛ ne nsisie.

6 Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho,

ɛfiri , wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa,

na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.

7 Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri , ano den,

na ɛyɛ atirimuɔdensɛm!

Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete

Israelman mu nyinaa.

8 "Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ.

Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.

9 Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a

woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie.

Wote gyata a wabutu.

Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?

10 Ahempoma remfiri Yuda nsam,

na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam,

kɔsi , deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.

11 Ɔbɛsa nʼafunumu bobe dua mu.

Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu.

Ɔbɛsi ne ntoma nsã mu,

na wasi nʼatadeɛ nso bobesa kɔɔ mu.

12 Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa.

Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo.

13 "Sebulon bɛtena mpoano.

Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.

Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.

14 "Isakar afunumu hoɔdenfoɔ a

ɔbutu rehome nnwankuo mu.

15 ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea fa a,

ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a,

ɔbɛkuntunu agye adesoa,

na wapene so akoa ama ɔhyɛ adwuma.

16 "Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn

Israel mmusuakuo no baako.

17 Dan bɛyɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn;

ɔbɛyɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a

ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.

18 "Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.

19 "Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so,

na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.

20 "Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa.

Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.

21 "Naftali te ɔforoteɛ a wɔagyaa no a

ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ.

22 "Yosef ngo dua a ɛso aba,

a ɛsi asutene ho,

na ne mman tra afasuo.

23 Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ,

de abufuo to hyɛɛ ne so.

24 Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den;

esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no

a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;

25 esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no;

Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo;

nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ;

nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.

26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no no

bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ

ne nkokoɔ a ɛtintim daa no so nnɔbaeɛ.

Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua

a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so.

27 "Benyamin pataku a ɔyɛ nam;

ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we,

na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no."

28 Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.

Yakob Wuo Ne Ne Sie

29 Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn , "Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. mewu a, monsie me ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu. 30 Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ. 31 Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso. 32 Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn."

33 Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também