Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 44

Yosef Amma Benyamin Ankɔ

1 Afei, Yosef hyɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no , "Fa aduane dodoɔ biara a mmarima no bɛtumi asoa no hyɛ wɔn nkotokuo no ma ma, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotokuo mu ma no. 2 Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu." Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.

3 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan. 4 Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no , "Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na woto wɔn a, bisa wɔn , Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa? 5 Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei bɔne kɛseɛ a moayɛ.’ "

6 Ɔkɔtoo wɔn no, ɔtii saa asɛm korɔ yi ara mu kyerɛɛ wɔn. 7 Nanso, anuanom no buaa no , "Adɛn enti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa wɔbɛyɛ adeɛ a ɛte saa! 8 Sika a yɛhunuu yɛn nkotokuo mu no, yɛansane amfa amfiri Kanaan ammrɛ mo anaa? Adɛn enti na ɛsɛ yɛwia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ firi wo wura fie? 9 wohunu saa kuruwa no wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ wokum saa onipa no. Na ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa afebɔɔ."

10 Ɔsomfoɔ no buaa , "Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi."

11 Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano. 12 Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no Benyamin kotokuo no mu. 13 Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio.

Anuanom No Bu Yosef Nkotodwe

14 Ɛberɛ a Yuda ne ne nuanom no kɔduruu kuro no mu no, na Yosef da so ne fie . Enti, wɔn nyinaa totoo wɔn ho guu fam nʼanim. 15 Yosef bisaa wɔn , "Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim onipa a ɔte me nam nhunumusɛm so bɛtumi ahunu biribiara mu?"

16 Yuda buaa , "Anoyie bɛn na yɛbɛtumi ayi me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahunu yɛnni saa asɛm yi ho ? Onyame ada yɛn wʼasomfoɔ afɔdie yi adi. Yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no no nkyɛn no nyinaa yɛn wura nkoa".

17 Nanso, Yosef kaa , "Ɛmpare me mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Onipa a wɔhunuu kuruwa no ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no deɛ, monsane nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoeɛ mu."

Yuda Srɛ Ma Benyamin

18 Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no , "Ma me a meyɛ wʼakoa no ɛkwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwom , wo ne Farao deɛ, nanso mesrɛ wo, nya aboterɛ ma wo ɔsomfoɔ. 19 Me wura bisaa nʼasomfoɔ no , Mowɔ agya anaa onuabarima bi?20 Na yɛbuaa , Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya nʼasɛm yie.

21 "Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfoɔ , Momfa no mmra, na menhwɛ no.22 Yɛka kyerɛɛ me wura , Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na ɛba ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.23 Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfoɔ . moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim bio.24 Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

25 "Ɛnna yɛn agya kaa , Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.26 Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya , Yɛrentumi nkɔ, gye yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.

27 "Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn , Monim me ne me yere woo mmammarima baanu. 28 Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa , "Aboa bi atete no pasaa." Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio. 29 mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.

30 "Enti, saa ɛberɛ yi, yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no, 31 ɔhunu abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman. 32 Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu ɔde no bɛba kaa , mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.

33 "Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abɔfra no ananmu ha, na ma abɔfra no ne ne nuammarima no nsane nkɔ. 34 Na abɔfra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn makɔpue mʼagya anim. Dabi! Merentumi nnyina ahohiahia a ɛbɛto mʼagya saa asɛm yi ho no ano."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também