Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 10

Noa Awoɔ Ntoatoasoɔ

1 Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

Yafet Asefoɔ

2 Yafet asefoɔ nie:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3 Gomer asefoɔ nie:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4 Yawan asefoɔ nie:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. 5 Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Ham Asefoɔ

6 Ham asefoɔ nie:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7 Kus10.7 Kus aman ahodoɔ nson no nyinaa wɔ Arabia. asefoɔ nie:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefoɔ nso ne:

Saba ne Dedan.

8 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ asase so. 9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho. 10 Nʼahennie hyɛɛ aseɛ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa Sinear10.10 Sinear kyerɛ tete Babilonia. asase so. 11 Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne 12 Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ saa ahemman no mu.

13 Na Misraim woo

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, 14 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ10.14 Filistifoɔ ase firi tu firii Kreta (Yer 47.4; Amos 9.7). Mfeɛ ɔha ne dumienu mu a ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) na wɔdii Misraim so. Wɔpamoo wɔn firii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenaseɛ Kanaan mpoano. agyanom.

15 Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. 16 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, 17 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, 18 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.

Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ. 19 Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

20 Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefoɔ

21 Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

22 Sem asefoɔ nie:

Elam, Asur,10.22 Asur yɛ Asiria tete din. Arfaksad, Lud ne Aram.

23 Aram asefoɔ nie:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24 Na Arfaksad woo Sela,

ɛnna Sela woo Eber.

25 Eber woo mmammarima baanu.

Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne "nkyekyɛmu" ɛfiri , ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

26 Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 27 Hadoram, Usal, Dikla, 28 Obal, Abimael, Seba, 29 Ofir, Hawila ne Yobab.

30 Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so apueeɛ fam no.

31 Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32 Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também