Pular para o conteúdo
Publicidade

Agradecimento pela vida

Por Bíblia Online

Agradecer pela vida é reconhecer que cada respiração é dom de Deus. Toda criatura que tem fôlego louve ao Senhor — porque Ele nos formou e nos sustenta com amor.

Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade.

Me kra, kamfo Awurade!

Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa;

mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, mete ase yi.

Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwen me me na awotwaa mu.

Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;

wo nnwuma nwonwa.

Minim ɛno yiye pa ara.

Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo

bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;

bere a wɔnwenee me asase bun mu no,

wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.

Nna dodow a woatwa ama me no,

wɔakyerɛw ne nyinaa wo nhoma mu

ansa na mu baako reba mu.

Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;

mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.

Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani

bere a meregye mʼani Awurade mu yi.

Munhu Awurade Onyankopɔn;

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;

yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.

Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,

na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;

momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!

Nnipa mu akɛse ne nketewa

nya guankɔbea wo ntaban nwini ase.

Wodi nea abu so wo fi,

woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.

Wo nkyɛn na nkwa asuti ;

wo hann mu na yehu hann.

Mɛma wo so, Awurade,

efisɛ, woayi me afi bun mu

na woamma mʼatamfo anserew me.

Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo boa me

na wosaa me yare.

Awurade, wuyii me fii ɔda mu;

wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu.

Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase.

Mɛka wʼanwonwade no nyinaa.

Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wo mu.

Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni.

na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara biribiara ho yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

Honhom Nhyira Kristo Mu

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn.

Yɛda Onyankopɔn ase nʼakyɛde a enni kabea no ho.

Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo. Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ.

Kristo Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae. Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. Na ɔwɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.

mudidi mee a, munhyira Awurade, mo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama mo no nti.

Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;

na wugyee me nkwa.

Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ;

asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.

Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu,

Awurade, me Nyankopɔn.

"Bere a me nkwa resen akɔ no,

mekaee wo Awurade,

na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn,

wʼasɔredan kronkron no mu.

Seja o primeiro