Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 104

1 Me kra, kamfo Awurade!

Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse!

Wɔafura wo tumi ne anuonyam.

2 Ɔde hann akata ne ho atade;

ɔtrɛw ɔsoro mu te ntamadan,

3 na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so.

Ɔde omununkum ne teaseɛnam

na ɔde nantew mframa ntaban so.

4 Ɔsoma nʼabɔfo mframa,

na ɔsoma nʼasomfo ogyaframa.

5 Ɔde asase asi ne fapem so

na ɛrenhinhim da.

6 Wode bun kataa so atade

na nsu gyinaa mmepɔw no so.

7 Nanso wʼanimka maa nsu no guanee,

wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;

8 Wɔsen faa mmepɔw so,

kɔɔ aku mu tɔnn,

koguu faako a wode ama wɔn no.

9 Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra;

na wɔammɛkata asase so bio.

10 Ɔma nsuwa sen fa abon mu,

ɛsen fa mmepɔw ntam.

11 Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom;

atorɔm de kum wɔn sukɔm.

12 Wim nnomaa nwen wɔn berebuw nsu no ho;

na wɔto nnwom nnua no mman so.

13 Ofi ne soro mpia mu nsu gugu mmepɔw so;

ne nnwuma so aba mee asase.

14 Ɔma sare fifi ma anantwi,

na ɔbɔɔ nnua maa onipa onnua

na ɛmma aduan mfi asase mu:

15 nsa a ɛma onipa koma ne yam,

ngo a ɛma onipa anim so,

ne aduan a ekura onipa koma.

16 Wogugu Awurade nnua no so yiye,

Lebanon sida a oduae no.

17 Ɛsow na nnomaa wɔn mmerebuw,

na asukɔnkɔn nso nʼatenae ɔpepaw nnua no mu.

18 Mmepɔw atenten no wuram mmirekyi de;

na abotan guankɔbea ma ewi.

19 Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu,

na owia nim bere a ɔkɔtɔ.

20 Wode sum ba ma ɛyɛ adesae

na kwae mu mmoa nyinaa ahayɛ.

21 Gyata bobɔ mu wɔn hanam,

wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn .

22 Owia pue ma wɔsan wɔn akyi;

wɔsan kɔdeda wɔn atu mu.

23 Afei, onipa nʼadwuma so

kɔyɛ adwuma ara kosi anwummere.

24 Awurade, wo nnwuma dɔɔso!

Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;

wʼabɔde ahyɛ asase so ma.

25 Po na ɛda tɛtrɛɛ tamaa yi,

a abɔde bebree a enni ano;

akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.

26 So na ahyɛn di akɔneaba,

na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru.

27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan

wobɛma wɔn wɔn aduan bere a ɛsɛ mu.

28 Wode ma wɔn a, wɔtase;

wubue wo nsam a nnepa mee wɔn.

29 Wode wʼanim hintaw wɔn a,

wɔbɔ hu;

wugye wɔn home a,

wowuwu na wɔsan mfutuma mu.

30 wode wo Honhom no ma wɔn a

na wɔabɔ wɔn,

na woyɛ asase ani foforo.

31 Ma Awurade anuonyam ntena daa;

ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,

32 nea ɔhwɛ asase na ɛwosow,

na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba.

33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;

mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.

34 Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani

bere a meregye mʼani Awurade mu yi.

35 Ma nnebɔneyɛfo nyera asase so;

na amumɔyɛfo ase nhyew.

Me kra, kamfo Awurade.

Kamfo Awurade.

Veja também