Publicidade

Salmos 84

Koramma dwom.

1 Awurade Asafo,

wʼatenae hɔ yɛ ahomeka!

2 Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw,

sɛ ɔbɛkɔ Awurade adiwo;

me koma ne me honam teɛ mu

frɛ Onyankopɔn teasefo.

3 Mpo akasanoma anya ofi,

na asomfena nso anwen ne berebuw,

faako a obesow ne mma

wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka,

Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn.

4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi;

na wɔkamfo wo din daa.

5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,

na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo.

6 Sɛ wɔfa Baka Bon no mu a

wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;

asusow bere nsu so taataa hɔ.

7 Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa,

kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.

8 Asafo Awurade Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;

Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me.

9 Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo;

fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no.

10 Wʼadiwo hɔ da koro tena

ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo;

mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi

sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu.

11 Efisɛ Awurade Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm;

Awurade hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam;

ɔmmfa ade pa biara nkame

wɔn a wɔteɛ.

12 Asafo Awurade,

nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-